Mark 1

Yohane Osuboni asɛnka

1Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho mfitiase ni:

2Odiyifo Yesaia nhoma no mu no, “Onyankopɔn kae se, ɔbɛsoma ne Ba aba asase so. Nanso ɔbɔfo bi bedi nʼanim a, ɔno na obesiesie kwan ama no. 3Saa ɔbɔfo yi bɛtena sare so, na wateɛm se, ‘Munsiesie Awurade akwan. Obiara nsiesie ne ho mfa ntwɛn Awurade ba no.’ ”

4Saa ɔbɔfo no, ɔne Yohane Osuboni. Ɔtenaa sare so, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn se, wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho, na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn de wɔn bɔne befiri wɔn. 5Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow so kohuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ asubɔnten Yordan mu. 6Na Yohane hyɛ atade a wɔde aboa nhoma na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. 7Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me a, ne mpaboa mpo ɛnsɛ sɛ mikita. 8Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Onyankopɔn Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

Yesu asubɔ ne ne sɔhwɛ

9Da bi, Yesu fii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu bae maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu. 10Yesu fi nsu no mu sii koko so ara pɛ, ohui sɛ ɔsoro abue na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa bere no ara mu, 11ɛnne bi fi soro kae se, “Wone me dɔ Ba a wosɔ mʼani.”

12Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so. 13Ɔtenaa hɔ adaduanan a, na obiara nka ne ho ka wuram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri yi, abɔfo ba bɛsom no.

Asuafo baanan a wodi kan no frɛ

14Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.

15Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn Ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye Asɛmpa no nni!”

16Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau.

17Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.” 18Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ bedii nʼakyi.

19Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a, wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu renwene wɔn asau. 20Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wommedi nʼakyi. Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi.

Yesu tu honhommɔne

21Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda dui no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa Asɛmpa no. 22Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ, ɔkasae te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ mmara no akyerɛkyerɛfo no.

23Amonom hɔ ara, ɔbarima bi a honhommɔne bi hyɛ ne mu de nteɛteɛm puee wɔ Asɔredan mu hɔ se, 24“Dɛn na wo Nasaretni Yesu wɔ ne yɛn yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”

25Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mua wʼano! Fi ne mu kɔ!” 26Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no ma ɔteɛteɛɛm dennen na etu kɔe. 27Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!”

28Saa anwonwade a ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa.

Yesu sa nyarewa

29Wofi asɔredan no mu no, ɔne nʼasuafo no kɔɔ Simon ne Andrea fi. 30Wɔkɔtoo sɛ atiridii abɔ Simon asebea ma ɔda hɔ. 31Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ, kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, atiridii no tu fii ne so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.

32Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare. 33Nnipa bebree bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano, hwɛɛ nea ɛrekɔ so. 34Saa anwummere no ara, Yesu saa ayarefo bebree yare. Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no.

Yesu asɛnka wɔ Galilea

35Ade kyee anɔpatutuutu no, Yesu nko ara kɔɔ sare so kɔbɔɔ mpae.

36Akyiri yi, Simon ne ebinom nso fii adi kɔhwehwɛɛ no, 37na wohuu no no, wɔka kyerɛɛ no se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.”

38Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.”

39Enti ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa Asɛmpa no wɔ hyiadan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.

Yesu sa ɔkwatani bi yare

40Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sa me yare.”

41Ɔkwatani no yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mɛsa wo yare! Wo ho ntɔ wo!” 42Amonom hɔ ara, kwata no fii ne ho maa ne ho tɔɔ no!

43Yesu bɔɔ nʼano denneenen se, 44“Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a, fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no, ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ, wo ho atɔ wo bio.”

45Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛm rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, onyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.

Copyright information for TwiNAK